Yoɛl 2:27
Joel 2:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel, wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.”
Joel 2:27 in English
Joel 2:27 · Berean Standard Bible
Then you will know that I am present in Israel and that I am the LORD your God, and there is no other. My people will never again be put to shame.
Context
25“Mɛhyɛ mo anan mu,
deɛ mohwereeɛ
mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,
ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,
ne wɔn a aka no nyinaa,
me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no. 26Wobɛdidi amee,
na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ.
Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;
me nkurɔfoɔ ani renwu bio. 27Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel,
wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn,
na obiara nni hɔ sɛ me;
Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.” 28“Na akyire yi,
mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,
mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,
mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu. 29Saa mmerɛ no mu no,
mɛhwie me Honhom agu
mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.