Joel 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, ato agu agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.
Joel 1:7 in English
Joel 1:7 · Berean Standard Bible
It has laid waste My grapevine and splintered My fig tree. It has stripped off the bark and thrown it away; the branches have turned white.
Context
5Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!
Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;
montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no
wɔayi afiri mo ano. 6Ɔman bi atu mʼasase so sa
ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;
wɔn se te sɛ gyata se
na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ. 7Wɔasɛe me bobe
ne me borɔdɔma nnua.
Wawaawae nnua no ho bona,
ato agu
agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ. 8Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma
na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu. 9Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,
wɔayi afiri Awurade efie.
Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,
wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.