Yoɛl 1:15
Joel 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.
Joel 1:15 in English
Joel 1:15 · Berean Standard Bible
Alas for the day! For the Day of the LORD is near, and it will come as destruction from the Almighty.*
Context
13Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;
mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.
Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ
mo a mosom Onyankopɔn anim;
ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no
ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie. 14Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;
momfrɛ nhyiamu kronkron.
Monfrɛ mpanimfoɔ
ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa
mmra Awurade mo Onyankopɔn efie
na wɔmmesu mfrɛ Awurade. 15Ɛda no aba!
Awurade ɛda no abɛn;
Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ. 16Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,
sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa
wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa? 17Aba no wu wɔ asase wesee mu,
adekoradan abubu,
aburopata nso ho nni mfasoɔ,
ɛfiri sɛ nnuane no ahye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.