Native Bible

Job 9:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ?

Job 9:14 in English

Job 9:14 · Berean Standard Bible

How then can I answer Him or choose my arguments against Him?

Context

12Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan? Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 13Onyankopɔn nkora nʼabufuo so; Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim. 14“Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ? 15Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn. 16Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, mennye nni sɛ ɔbɛtie mʼasɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.