Native Bible

Job 9:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no; sɛ ɔsene a, menhunu no.

Job 9:11 in English

Job 9:11 · Berean Standard Bible

Were He to pass by me, I would not see Him; were He to move, I would not recognize Him.

Context

9Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ; Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no. 10Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan. 11Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no; sɛ ɔsene a, menhunu no. 12Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan? Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 13Onyankopɔn nkora nʼabufuo so; Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.