Hiob 6:28
Job 6:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me. Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa?
Job 6:28 in English
Job 6:28 · Berean Standard Bible
But now, please look at me. Would I lie to your face?
Context
26Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ,
mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa? 27Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto,
na mode mo adamfo adi nsesa dwa. 28“Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me.
Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa? 29Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea;
monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ. 30Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa?
Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.