Hiob 5:21
Job 5:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.
Job 5:21 in English
Job 5:21 · Berean Standard Bible
You will be hidden from the scourge of the tongue, and will not fear havoc when it comes.
Context
19Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu;
nson so, a bɔne biara renka wo. 20Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu,
na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano. 21Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho
na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro. 22Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm;
na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa. 23Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam,
na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.