Hiob 42:12
Job 42:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.
Job 42:12 in English
Job 42:12 · Berean Standard Bible
So the LORD blessed Job’s latter days more than his first. He owned 14,000 sheep, 6,000 camels, 1,000 yoke of oxen, and 1,000 female donkeys.
Context
10Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no. 11Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa. 12Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem. 13Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa. 14Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.