Hiob 41:3
Job 41:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa? Ɔne wo bɛkasa brɛoo?
Job 41:3 in English
Job 41:3 · Berean Standard Bible
Will he beg you for mercy or speak to you softly?
Context
1“Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn
anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma? 2Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,
anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu? 3Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa?
Ɔne wo bɛkasa brɛoo? 4Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam
ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa? 5Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa
anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.