Native Bible

Job 41:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Egyatɛn turi firi nʼanom na nsramma turituri firi mu.

Job 41:19 in English

Job 41:19 · Berean Standard Bible

Firebrands stream from his mouth; fiery sparks shoot forth!

Context

17Ɛtoatoa mu dendeenden a emu ntumi ntete. 18Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya; nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann. 19Egyatɛn turi firi nʼanom na nsramma turituri firi mu. 20Wisie tene firi ne hwene mu te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ. 21Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ, na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.