Native Bible

Job 41:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.

Job 41:11 in English

Job 41:11 · Berean Standard Bible

Who has given to Me that I should repay him?* Everything under heaven is Mine.

Context

9Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo. 10Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no. Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? 11Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me. 12“Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm. 13Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma, na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.