Native Bible

Job 40:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

Job 40:11 in English

Job 40:11 · Berean Standard Bible

Unleash the fury of your wrath; look on every proud man and bring him low.

Context

9Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ, na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ? 10Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fira anidie ne kɛseyɛ. 11Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase, 12hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ. 13Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu; kata wɔn anim wɔ damena mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.