Job 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.
Job 4:3 in English
Job 4:3 · Berean Standard Bible
Surely you have instructed many, and have strengthened their feeble hands.
Context
1Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ, 2“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa?
Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu? 3Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,
sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den. 4Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den;
woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den. 5Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;
aba wo so, na wo ho adwiri wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.