Native Bible

Job 38:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba, anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so?

Job 38:24 in English

Job 38:24 · Berean Standard Bible

In which direction is the lightning dispersed, or the east wind scattered over the earth?

Context

22“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da, anaa woahunu asukɔtweaa adekoradan 23a makora so ama ahohiahia berɛ, ɔsa ne akodie nna? 24Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba, anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so? 25Hwan na ɔtwaa ɛka maa osubransam, ne ɛkwan maa aprannaa mmobom, 26sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte soɔ so, anweatam a obiara nni soɔ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.