Hiob 36:16
Job 36:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɔregye wo afiri ahohiahia mu de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie, deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.
Job 36:16 in English
Job 36:16 · Berean Standard Bible
Indeed, He drew you from the jaws of distress to a spacious and broad place, to a table full of richness.
Context
14Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,
wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu. 15Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;
na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu. 16“Ɔregye wo afiri ahohiahia mu
de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie,
deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma. 17Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;
atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu. 18Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;
mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.