Hiob 36:13
Job 36:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so; mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.
Job 36:13 in English
Job 36:13 · Berean Standard Bible
The godless in heart harbor resentment; even when He binds them, they do not cry for help.
Context
11Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,
wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu
na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn. 12Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano,
na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ. 13“Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;
mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa. 14Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,
wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu. 15Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;
na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.