Hiob 34:9
Job 34:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔnnya ho mfasoɔ biara.’
Job 34:9 in English
Job 34:9 · Berean Standard Bible
For he has said, ‘It profits a man nothing that he should delight in God.’
Context
7Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob
a ɔnom animtiabuo sɛ nsuo? 8Ɔne amumuyɛfoɔ nante;
na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ. 9Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a
ɔnnya ho mfasoɔ biara.’ 10“Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me.
Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,
sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ. 11Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka;
deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.