Hiob 33:22
Job 33:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne ɔkra bɛn damena, na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.
Job 33:22 in English
Job 33:22 · Berean Standard Bible
He draws near to the Pit, and his life to the messengers of death.
Context
20kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane
na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara; 21ɔfɔn yɛ basaa,
na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ. 22Ne ɔkra bɛn damena,
na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ. 23“Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa
sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a, 24ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ,
‘Monnyaa no na wankɔ damena mu;
na manya mpatadeɛ ama no,’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.