Native Bible

Job 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔnhunu mʼakwan na ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa?

Job 31:4 in English

Job 31:4 · Berean Standard Bible

Does He not see my ways and count my every step?

Context

2Ɛdeɛn ne onipa kyɛfa a ɛfiri ɔsoro Onyankopɔn nkyɛn? Ɛdeɛn ne nʼagyapadeɛ a ɛfiri ɔsoro Otumfoɔ no nkyɛn? 3Ɛnyɛ ɔsɛeɛ mma amumuyɛfoɔ? Ɛnyɛ asiane mma wɔn a wɔyɛ bɔne? 4Ɔnhunu mʼakwan na ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa? 5“Sɛ manante wɔ nkontompo mu anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a, 6ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so na ɔbɛhunu sɛ me ho nni asɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.