Hiob 30:20
Job 30:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
Job 30:20 in English
Job 30:20 · Berean Standard Bible
I cry out to You for help, but You do not answer; when I stand up, You merely look at me.
Context
18Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me;
ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn. 19Ɔto me twene atɛkyɛ mu
na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ. 20“Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me.
Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ. 21Woba me so anibereɛ so;
wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so. 22Wohwim me na wode mframa pia me;
wodankyidankyi me wɔ ahum mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.