Hiob 29:21
Job 29:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me, wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.
Job 29:21 in English
Job 29:21 · Berean Standard Bible
Men listened to me with expectation, waiting silently for my counsel.
Context
19Me nhini bɛduru nsuo ano,
na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa. 20Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so,
na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’ 21“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me,
wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo. 22Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,
ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie. 23Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,
na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.