Native Bible

Job 29:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu, na me nna adɔɔso sɛ anwea.

Job 29:18 in English

Job 29:18 · Berean Standard Bible

So I thought: ‘I will die in my nest and multiply my days as the sand.

Context

16Meyɛɛ ahiafoɔ agya; na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn. 17Mebubuu amumuyɛfoɔ se na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom. 18“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu, na me nna adɔɔso sɛ anwea. 19Me nhini bɛduru nsuo ano, na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa. 20Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so, na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.