Hiob 24:9
Job 24:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano; na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu.
Job 24:9 in English
Job 24:9 · Berean Standard Bible
The fatherless infant is snatched from the breast; the nursing child of the poor is seized for a debt.
Context
7Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa;
wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu. 8Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn
na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ. 9Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano;
na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu. 10Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma;
wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara. 11Wɔkyi ngo wɔn adan mu;
wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.