Hiob 24:18
Job 24:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.
Job 24:18 in English
Job 24:18 · Berean Standard Bible
They are but foam on the surface of the water; their portion of the land is cursed, so that no one turns toward their vineyards.
Context
16Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu,
na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu;
wɔne hann nni hwee yɛ. 17Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa;
wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo. 18“Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani;
wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,
enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu. 19Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no,
saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ. 20Awotwaa werɛ firi wɔn,
na ɔsonsono di wɔn nam;
nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio
na mmom wɔbubu te sɛ dua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.