Native Bible

Job 23:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.

Job 23:8 in English

Job 23:8 · Berean Standard Bible

If I go east, He is not there, and if I go west, I cannot find Him.

Context

6Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. 7Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ. 8“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no. 9Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho. 10Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.