Native Bible

Job 22:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara; wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.

Job 22:6 in English

Job 22:6 · Berean Standard Bible

For you needlessly demanded security from your brothers and deprived the naked of their clothing.

Context

4“Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim na ɔbɔ wo kwaadu anaa? 5Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ? Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo? 6Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara; wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya. 7Woamma abrɛfoɔ nsuo annom na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no. 8Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase, onimuonyamfoɔ a ɔte so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.