Hiob 22:24
Job 22:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a,
Job 22:24 in English
Job 22:24 · Berean Standard Bible
and consign your gold to the dust and the gold of Ophir to the stones of the ravines,
Context
22Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,
na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu. 23Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:
sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu 24na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu
ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a, 25ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;
ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo. 26Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu
na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.