Hiob 19:5
Job 19:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a,
Job 19:5 in English
Job 19:5 · Berean Standard Bible
If indeed you would exalt yourselves above me and use my disgrace against me,
Context
3Mpɛn edu nie a moasopa me;
mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so. 4Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mafom ɛkwan a,
me mfomsoɔ yɛ me nko ara asɛm. 5Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so
na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a, 6ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne
na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia. 7“Ɛwom sɛ mesu sɛ, ‘Wɔafom me’ deɛ, nanso obiara mmua me;
meteam pɛ mmoa, nanso atɛntenenee biara nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.