Native Bible

Job 19:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam mu yea yi saa ara?

Job 19:22 in English

Job 19:22 · Berean Standard Bible

Why do you persecute me as God does? Will you never get enough of my flesh?

Context

20Maka honam ne nnompe, na ɛkaa kakraa bi, anka merewu. 21“Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me. 22Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam mu yea yi saa ara? 23“Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu, anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so, 24anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi wɔ sumpii so, anaa wɔnkrukyire wɔ abotan so afebɔɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.