Hiob 16:3
Job 16:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa? Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?
Job 16:3 in English
Job 16:3 · Berean Standard Bible
Is there no end to your long-winded speeches? What provokes you to continue testifying?
Context
1Afei Hiob buaeɛ sɛ, 2“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom;
na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ! 3Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa?
Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi? 4Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,
anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo;
anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo
na mabu mo animtiaa. 5Nanso, anka mɛhyɛ mo den;
anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.