Native Bible

Job 15:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.

Job 15:31 in English

Job 15:31 · Berean Standard Bible

Let him not deceive himself with trust in emptiness, for emptiness will be his reward.

Context

29Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina, na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so. 30Esum bɛduru wɔn; ogyaframa bɛkusa wɔn mman, na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ. 31Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu. 32Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka, na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm. 33Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ, te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.