Hiob 15:11
Job 15:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?
Job 15:11 in English
Job 15:11 · Berean Standard Bible
Are the consolations of God not enough for you, even words spoken gently to you?
Context
9Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim?
Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie? 10Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa,
wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo. 11Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ
ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa? 12Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ
adɛn enti na wʼani asɔ ogya, 13na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so
na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.