Hiob 14:3
Job 14:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa?
Job 14:3 in English
Job 14:3 · Berean Standard Bible
Do You open Your eyes to one like this? Will You bring him into judgment before You?
Context
1“Onipa a ɔbaa awo no no
ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu. 2Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam;
ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ. 3Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?
Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa? 4Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu?
Obiara nni hɔ. 5Woahyehyɛ onipa nkwa nna;
woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔ
na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.