Hiob 13:18
Job 13:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei a masiesie me nkurobɔ yi, menim sɛ mɛdi bem.
Job 13:18 in English
Job 13:18 · Berean Standard Bible
Behold, now that I have prepared my case, I know that I will be vindicated.
Context
16Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,
ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim! 17Montie me nsɛm yi yie;
monyɛ aso mma deɛ meka. 18Afei a masiesie me nkurobɔ yi,
menim sɛ mɛdi bem. 19Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa?
Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu. 20“Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me,
na afei meremfa me ho nsuma wo:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.