Hiob 11:15
Job 11:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre; wobɛgyina pintinn a wonsuro.
Job 11:15 in English
Job 11:15 · Berean Standard Bible
then indeed you will lift up your face without shame; you will stand firm and unafraid.
Context
13“Na sɛ wode wʼakoma ma no
na wopagya wo nsa kyerɛ no, 14sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu
na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a, 15ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre;
wobɛgyina pintinn a wonsuro. 16Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere,
na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ. 17Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ,
na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.