Native Bible

Job 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.

Job 1:3 in English

Job 1:3 · Berean Standard Bible

and he owned 7,000 sheep, 3,000 camels, 500 yoke of oxen, 500 female donkeys, and a very large number of servants. Job was the greatest man of all the people of the East.

Context

1Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us* asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. 2Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa, 3na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu. 4Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. 5Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.