Native Bible

John 8:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei.

John 8:40 in English

John 8:40 · Berean Standard Bible

But now you are trying to kill Me, a man who has told you the truth that I heard from God. Abraham never did such a thing.

Context

38Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so.” 39Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei. 41Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.” Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.” 42Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ, ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me pɛ mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.