Native Bible

John 7:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”

John 7:51 in English

John 7:51 · Berean Standard Bible

“Does our law convict a man without first hearing from him to determine what he has done?”

Context

49Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.” 50Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?” 52Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.” 53Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.