Yohane 7:5
John 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ne nuanom mpo nnye no nni.
John 7:5 in English
John 7:5 · Berean Standard Bible
For even His own brothers did not believe in Him.
Context
3Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no. 4Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.” 5Na ne nuanom mpo nnye no nni. 6Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo. 7Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.