Native Bible

John 7:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no.

John 7:16 in English

John 7:16 · Berean Standard Bible

“My teaching is not My own,” Jesus replied. “It comes from Him who sent Me.

Context

14Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. 15Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?” 16Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa. 18Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.