Native Bible

John 7:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”

John 7:15 in English

John 7:15 · Berean Standard Bible

The Jews were amazed and asked, “How did this man attain such learning without having studied?”

Context

13Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu. 14Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. 15Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?” 16Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.