Native Bible

John 6:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni.

John 6:36 in English

John 6:36 · Berean Standard Bible

But as I stated, you have seen Me and still you do not believe.

Context

34Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.” 35Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da. 36Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni. 37Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.