Native Bible

John 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.

John 4:5 in English

John 4:5 · Berean Standard Bible

So He came to a town of Samaria called Sychar, near the plot of ground that Jacob had given to his son Joseph.

Context

3Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea. 4Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu. 7Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.