Native Bible

John 4:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”

John 4:48 in English

John 4:48 · Berean Standard Bible

Jesus said to him, “Unless you people see signs and wonders, you will never believe.”

Context

46Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no. 48Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?” 49Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.” 50Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.