Yohane 4:29
John 4:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?”
John 4:29 in English
John 4:29 · Berean Standard Bible
“Come, see a man who told me everything I ever did. Could this be the Christ?”
Context
27Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no. 28Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ, 29“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” 30Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu. 31Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.