Native Bible

John 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

John 4:14 in English

John 4:14 · Berean Standard Bible

But whoever drinks the water I give him will never thirst. Indeed, the water I give him will become in him a fount of water springing up to eternal life.”

Context

12Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?” 13Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, 14nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” 15Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.” 16Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.