Native Bible

John 3:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni.

John 3:32 in English

John 3:32 · Berean Standard Bible

He testifies to what He has seen and heard, yet no one accepts His testimony.

Context

30Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa. 31“Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni. 33Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.