Native Bible

John 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ.

John 20:8 in English

John 20:8 · Berean Standard Bible

Then the other disciple, who had reached the tomb first, also went in. And he saw and believed.

Context

6Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, 7a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. 9Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. 10Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.