Native Bible

John 20:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi.

John 20:7 in English

John 20:7 · Berean Standard Bible

The cloth * that had been around Jesus’ head was rolled up, lying separate from the linen cloths.

Context

5Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, 7a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. 9Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.