Yohane 20:23
John 20:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
John 20:23 in English
John 20:23 · Berean Standard Bible
If you forgive anyone his sins, they are forgiven; if you withhold forgiveness from anyone, it is withheld.”
Context
21Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.” 24Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi. 25Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔahunu Awurade no!”
Wannye anni kaa sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.